Kishore Kumar Hits

Yaw Sarpong - Ntaade Dada Indie şarkı sözleri

Sanatçı: Yaw Sarpong

albüm: Gospel Train


Kwaku Bempah Ashtown Sda
Kwaku woahobraseɛ nti
Yehowa nhyira wo
Eh mekɔ nwura no mu a
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Commoore Mensah eh
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ
Eh mekɔ nwura no mu a
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Sofo Kwadwo Ansah eh
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ

Sikani na ɔfaa akoa hiani bi
Sɛ ɔnhwɛ ne nwan so

Ɔpɛ akowa no asɛm ara
Akowa no ahobraseɛ nti
Nanso ne yere deɛ woanhunu no saa
Ɔkan kyerɛɛ ne kunu sɛ
Mewura! akowa yi ayɛ wo aduro
Firisɛ sɛ ɔsɔre anɔpa biara
Ɔkɔ nwura a ɛda hɔ yi mu
Ofiri hɔ ba ansana woabɛyɛ adwuma
Ɛda no deɛ wo de biara wo wɔ biara bɛma no

Dakoro anɔpa bi
Ɔmotetɛɛ akowa yi ara
Dii n'akyiri kɔɔ nwura mu
Kohunu sɛ menya ade dadaa a ɔde baayɛ no
Na ɔde asensɛn dua bi so
Ɛna ogyina sie so whɛ ntaadeɛ no dinn
Ɛna obisaa no sɛ
Damfo na adɛn?
Adɛn nti woyɛ saa

Akowa yi nso yii wɔn ano sɛ
Aann mekɔ nwura no mu a
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ

Enti yɛkan sɛ adagya mu na yɛde baayɛ
Enti na David kɔɔ ne pieyɛ mu
Oyii ne ho nyinaa daa Awurade ase
Obi mpo kan sɛ wobɛyɛ sei a
Anka yɛnnye nni da
Akua Badu ba deɛ nka wo ne whan?
Kae wo Nyankopɔn a
Oyii wo firi misrim asaase so no
Menua Pokuahh Frey eh
Kɔ nwura mu kɔhwɛ wonyaa de daadaa no
Ama woanyɛ boniayɛfoɔ

Aann mekɔ nwura no mu a
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Menua Kofi Poku eh
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ
Owura Kwabena Poku eh
Aaan mekɔ nwura no mu a, Sammy Awaani eh
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ
Menua Kwaku Acheampong eh
Aaan mekɔ nwura no mu a, Abena Agyemang eh
Mekɔkɔwhɛ mentaade dadaa no
Dea na ɛhyɛ me no a
Woasesa no
Ama m'akae sɛnea na meteɛ

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar