Kishore Kumar Hits

Oheneba Kissi - Mani Agina şarkı sözleri

Sanatçı: Oheneba Kissi

albüm: Today and Yesteryears


Ɔdɔ, wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei, m'ani agyina wo o
Wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei, ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o

Ne ho nkɔmɔ na meredi ara ei
Ne ho adaeɛ ara na mereso o
Ne ho nkɔmɔ na meredi ei
Ne ho adwendwen ara na meredwene o
Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o, ao ɔdɔ ei
Ɔdɔ, wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei
(M'ani agyina wo o) m'ani agyina wo o ei
Wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei, ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o

Oni ne ɔse de no akyɛ me aah-eh
Mese, n'agya ne ɛna de no ama me o
Ɔdɔyɛwu atu kwan, ɔrekɔ akɔdi nansa o
Yaanom ei, ɔkɔɔeɛ a wamma o
Da bɛn na mɛhunu ɔdɔ anim a?
Ɔdɔyɛwu bra, ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o
Ao, oh, ɔdɔ ei
Ɔdɔ, wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei
(M'ani agyina wo o) awɔse agu me nso ei
(Wonni mu a mensɛ hwee ei) boo, boo, boo
(Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei) agyeiii
Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o

Me ne ɔdɔ asign bond o
Agye sɛ owuo na ɛbɛtete yɛn ntam' ara aah
Mese agye sɛ owuo mu ara, agye sɛ owuo mu ara aah, eh
Ɔdɔ nti mɛda mpapadanm', ɔdɔ nti mɛma nsuo abo me o
Car bɔ me mpo a, memmɔ hu aah
Ao, oh, ɔdɔ ei
Nansa bi yi deɛ me nuanom eh, yaanom ei
Ɔdɔ ho asɛm sii me tiri mu no aah
Eboo, manka ntim a nka mereyɛ mawu o
Mekɔsoo daeɛ bi, na ɛyɛ me sɛ ɔdɔ aba
Sɛɛ na ɛnyɛ ɔdɔ o
Ɔdɔ ama manya fever o
Mese, na ɔdɔ ama manya awɔ, aah
Yie ei, na ɔdɔ ama manya fever o
Eboo, na ɔdɔ ama manya awɔ
Ɔno nko ara nso na ɔbɛtumi aka me ho hye aah
Ɔdɔ ei, sɛ woamma a merewu ara aah
Ao, oh, ɔdɔ ei
Ɔdɔ, wonni mu a mensɛ hwee ei
(Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei) boo, boo-bo
(M'ani agyina wo o) boo, boo-bo, boo, boo-bo
Wonni mu a mensɛ hwee ei
Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei
(Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o) m'ani agyina wo ei
(Ɔdɔ, wonni) Akua (mu a) Lucy ei (mensɛ hwee ei)
Joe Akpas se- (ma yɛntu yɛn ho awɔse ei) Akua ei
M'ani agyina wo o) Ɔboɔ Nana ei
(Wonni mu a mensɛ hwee ei)
Kwadwo (ma yɛntu yɛn ho) Aberanteɛ (awɔse ei), Kwadwo ei
(Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o) fa wo nsa bɛto me kɔn mu o
(Ɔdɔ, wonni mu a mensɛ hwee ei) oh, babe
(Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei) oh, oh-oh
(M'ani agyina wo o) yie na ɔdɔ ei, m'ani agyina wo dɔ o
(Wonni mu a mensɛ hwee ei) ɔdɔyɛwu ei
(Ma yɛntu yɛn ho awɔse ei) Maame ei
Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar