Kishore Kumar Hits

Amakye Dede - Mawerekyekyere şarkı sözleri

Sanatçı: Amakye Dede

albüm: Iron Boy


Yadeɛ a ɛbɔɔ Kɔkɔsakyi maa, ɔbrɛfoɔ ei, ne tiri ho tutuuɛ no
Ɛbɔɔ aboa Kwaakwaadabi a, me nua ei, nka yɛasie no
Nanso akwantu mu nsɛm yi, yɛba na yɛanya biribi pa bi amma fie a
Yɛba a na yɛreka no sɛn ni? Nanso abrabɔ yi, ɛnyɛ yɛn ah
Ɔbra yi, yɛabɔ, yɛabɔ ara aah, yɛbɔ, yɛbɔ, yɛbɔ nso a, yɛnhunu ano
Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo
(M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o) menni obiara o, oh
M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o
M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o
(M'anidasoɔ ei) anidasoɔ ei (ɛne Onyame o)

Abusua yi pɛ adeɛ kyiri ka
Woyɛ yie a yɛfrɛ wo ɔkatakyie, woanyɛ yie nso a yɛbu wo sansani
Nanso ɔboafoɔ ne Awurade o
Menim sɛ, sɛ Onyame si wo hene a, w'anim ngu ase wɔ badwa mu da
Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo

Abusua yi pɛ adeɛ kyiri ka
Woyɛ yie a yɛfrɛ wo ɔkatakyie, woanyɛ yie nso a yɛbu wo sansani
Nanso ɔboafoɔ ne Awurade o
Menim sɛ, sɛ Onyame si wo hene a, w'anim ngu ase wɔ badwa mu da
Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo
(M'awerɛkyerekyere ei) oh, oh, oh
(Ɛne Awurade o) Agya, menni obiara o, oh
M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o
(M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o) Agya, menni obiara nti
(M'anidasoɔ ei) Awurade ei (ɛne Onyame o)

Tumi biara nni hɔ a ɛkyɛn Awurade

Ɔkwantuni ei, na ade asa me, mabɛdi amia wɔ obi man so
Merebɛda abɔnten ara aah ma ade akye me? Ɔhoɔhoɔ ei, merewu o
Nsuo aboro me kwaeɛ mu o, emu akorokɛre na ɛreku me
Agya Onyame ei, meresu mefrɛ Wo, Wo ara ne m'awerɛkyerekyerɛ
M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o
(M'anidasoɔ ei) Awurade ei (ɛne Onyame o)
(M'awerɛkyerekyere ei) Awurade ei
(Ɛne Awurade o) Agya, menni obiara o, oh-oh
(M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o)
Fa Wo ntaban kɛseɛ no bɔ me ho ban
(M'awerɛkyerekyere ei) na ma m'atamfo nyinaa anim ngu ase
(Ɛne Awurade o) Wonim sɛ menni obiara o
(M'anidasoɔ ei) oh, oh, Awurade ei (ɛne Onyame o)
(M'awerɛkyerekyere ei) yie ei, Awurade ei (ɛne Awurade o)
Wo ara Wo ne m'anidasoɔ
(M'anidasoɔ ei) nti Awurade ei

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar