Kishore Kumar Hits

Amakye Dede - Odo Ba Baabi şarkı sözleri

Sanatçı: Amakye Dede

albüm: The King of Hi-Life Music from Africa


Ɔdɔ mpopa n'anim nisuo
Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu
Na ɔnkae nhunu sɛ ɔdɔ deɛ, saa ara na ɛteɛ
Ɔdɔ mpopa n'anim nisuo ei
Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu
Na ɔnkae nhunu sɛ, ɔdɔ deɛ saa ara na ɛteɛ
Ɔmfa n'ani nto me so
Na me nso mete ha yi
Ne ho adwendwen na ɛreku me
Ne ho nisuo ara ne mereteɛ
Mewɔ ne nkyɛn a nka mepɛ
Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen)
Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me)
Medɔ no, ɔno nso dɔ me
Nanso ohia amma me dɔfo yi annye me anni, eh, eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi (whoa)
Far Sight Enterprise, 'Kokomlemle'
Kwarteng, Kwabena, tie bi

Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ, adeɛ rekye, adeɛ resa yi
Me nko menam (sɛ eduru anadwo a me nko meda)
Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ, adeɛ rekye, adeɛ resa yi
Me nko menam (sɛ eduru anadwo a me nko meda)

Me dɔfo yi bɛdwen sɛ mayɛ yie na menkae no
Nanso ɛnte saa
Ohia amma me dɔfo yi annye me anni
Ohia amma me dɔfo yi annye me anni
Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen)
Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me)
Mepɛ no, ɔno nso dɔ me
Nanso ohia amma me dɔfo yi annye me anni, eh, eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi

Ɔdɔ da baabi

Ɔdɔ mma mente ne nka, na awerɛkyerkyere firi nipa ho
Wo kasa yɛ me kasa, w'amaneɛ yɛ m'amaneɛ o

Na ɛmma no nyɛ wo adwendwen sɛ
Mayɛ yie na menkae woɔ
Ɔdɔ, ɛnte saa, menim sɛ me ne wo abrɛ, abrɛ
Meyɛ yie a me werɛ mfiri wo o
Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen)
Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me)
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔ, me buroni da m'baabi eh, na meda m'baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh
Sɛsɛɛ ɔdɔ, me buroni da m'baabi eh, na meda m'baabii
Action!

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar