Kishore Kumar Hits

Evangelist Diana Asamoah - Wo Na Mayi Wo şarkı sözleri

Sanatçı: Evangelist Diana Asamoah

albüm: Madanse Die


Me na mayi wo
Meba gye medi sɛ
Me na mayi wo
Sɛ mede wo yɛ adwuma awieɛ berɛ yi mu
De ayɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma nyinaa
Me na mayi wo
Meba wodeɛ gye medi sɛ
Me na mayi wo oo
Sɛ mede woreyɛ akodeɛ awieɛ berɛ yi mu
De abubu de agye Wiase nyinaa
Enti gyina pintiin
Hyɛ woho den
Na ma wobo nnyɛ duru
Wodeɛ sɛ ɛkyere wo so a
Bra mpaebɔ na bisa me
Mɛtie wo sufrɛ na
Mɛ ma wo akwankyerɛ
Merenyae wo sɛ wonko ara wokɔ da
Mɛkura wo nifa mɛyɛ wo fapem
Merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o na m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ nti
Botaeɛ nti a meyi wo no
Mede wo bɛyɛ
Merenyae wo sɛ wonko ara kɔ da me ba
Mɛkura wo nifa mɛyɛ wo fapem
Merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o na m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ nti
Botaeɛ nti a meyi wo no
Mede wo bɛyɛ
Me na mayi wo
Meba gye medi sɛ
Me na mayi wo
Sɛ mede woyɛ adwuma awieɛ berɛ yi mu
De ayɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma nyinaa
Me na mayi wo
Wodeɛ gye medi sɛ
Me na mayi wo
Sɛ mede woreyɛ akodeɛ awieɛ berɛ yi mu
De ayɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma nyinaa
Enti gyina pintiin
Hyɛ woho den
Na ma wobo nnyɛ duru
Wodeɛ sɛ ɛkyere wo so
Bra mpaebɔ bisa me (Kyerɛ me a)
Mɛtie wo sufrɛ
Mɛ ma wo akwankyerɛ
Merenyae sɛ wonko ara kɔ da
Mɛkura wo nifa mɛyɛ fapem
Merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o na m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ nti
Botaeɛ nti a meyi wo no
Mede wo bɛyɛ
Merenyae wo sɛ wonko ara kɔ da
Mɛkura wo nifa mɛyɛ wo fapem
Merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o anka m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ nti
Botaeɛ nti a meyi wo no
Mede wo bɛyɛ
Me na mayi wo
Meba gye medi me sɛ
Me na mayi wo
Sɛ mede woreyɛ adwuma awieɛ berɛ yi mu
De ayɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma nyinaa
Me na mayi wo
Wodeɛ gye medi sɛ
Me na mayi wo
Mede woreyɛ adwuma awieɛ berɛ yi mu
De ayɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma nyinaa
Enti gyina pintiin
Hyɛ woho den
Na ma wo bo nnyɛ duru
Wodeɛ sɛ ɛkyere wo so
Bra mpaebɔ bisa me
Mɛtie wo sufrɛ na
Mɛ ma wo akwankyerɛ
Merenyae wo sɛ wonko ara wo kɔ da me ba
Mɛkura wo nifa mɛyɛ wo fapem
Na merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o na m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ enti
Botaeɛ enti meyi wo no
Mede wo bɛyɛ
Merenyae wo sɛ wonko ara kɔ da
Mɛkura wo nifa mɛyɛ wo fapem
Na merenyi wo nhyɛ w'atamfo nsa da
Ɛba saa sɛ anka m'anni me bɔhyɛ so
Menyɛ onipa o na m'adi atrɔ
Mede wo bɛtwa, mede wo bɛduru me ba
Meyɛ Onyame nokwafoɔ enti a
Botaeɛ nti a meyi wo no
Mede wo bɛyɛ

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar