Kishore Kumar Hits

Evangelist Diana Asamoah - Twen Awurade şarkı sözleri

Sanatçı: Evangelist Diana Asamoah

albüm: Wo Da Mu Fua


Odifoɔ Samuel nwoma ɛtɔ so mmienu no ne se
Awurade kae Mephiboset berɛ na wabubu agu dan mu
Nnipa nyinaa werɛafiri no
Na wo Awurade wokae no
Ma no ne ɔhene bɛto nsa didi pono so
Enti onua dɔfoɔ woretie me ɛnnɛ da
Sɛ wobɛma y'abom ateam afrɛ Ɔsoro mu soro no a
Ɔbɛba nsraban no mu
Ɔbɛkae wo nso, Awurade bɛkae wo
Aka sima
Fa w'adom so na tie m'asɛm
Awurade gyina wo nhyira yi so na bue m'akwan yi ma me
W'adɔyɛ ne wo banbɔ yi oo
Woba mete sɛnea meteɛ yi
Fa w'adom so na tie m'asɛm
Na ɔtanfo no antumi anya me
Ɔboa
Wadɔyɛ ne wo banbɔ oo na woba mete sɛnea meteɛ yi
Megyina w'asɛm so atu anammɔn
Gyidie so paa na mede aba w'anim ɛnnɛ yi a
Awurade kae me na tie m'asɛm yi oo
Na ɔtanfoɔ no antumi ansere me
Megyina gyidie so paa na meretu anammɔn Awurade
Yesu Yesu Yesu
Kae me kae me kae me kae me kae me
Na atanfo no anya me ansere me
Ma w'adom no
Ma w'adom no
Ma w'adom no mmra me so Yesu
Yesu
Fa w'adom so na metie m'asɛm
Gyina me gyidie so na bɛko ma me Awurade
Kae me kae me kae me
Yieyie...
Moses nwoma edi kan ne sɛ
Onipa yɛ bɔne ma ne foro duru wo Nyankopɔn w'anim
Na wo Awurade woka sɛ w'anu ho sɛ wobɔ nipa
Wode nsuo yiri bɛsɛe nipa nyinaa
Nanso w'asɛm se wo Nyankopɔn
Noah deɛ, wokae no ma ne nya w'anim adom
Wokae no
Awurade berɛ yi mu, oman Ghana
Deɛ yɛsrɛ nyinaa ne sɛ, sɛ fom bi na y'afom
Awurade fakyɛ, Awurade fakyɛ
Na kae Oman Ghana
Na san pagya wo man si hɔ bio
Awurade pagya wo man oo
Awurade kae yɛn
Fa w'adom so na tie y'asɛm
Awurade gyina wo nhyira so na bue yɛ pono yi ma me
W'adɔyɛ ne wo banbɔ yi oo
Wo mma yɛte sɛnea yɛteɛ yi
Fa w'adom so na tie y'asɛm Awurade
Na y'atanfo no antumi anya yɛn
Ɔboa
Wadɔyɛ ne wo banbɔ yi oo na
Awurade wo mma yɛte sɛnea yɛteɛ yi
Yɛgyina w'asɛm so atu anammɔn
Gyidie so paa na yɛde aba w'anim ɛnnɛ yi a
Kae yɛn na tie y'asɛm yi oo
Na atanfoɔ na ammɛto anhyɛ yɛn so
Yɛgyina gyidie so pa n y'atu anammɔn
Yesu Yesu Yesu
Kae yɛn kae yɛn kae yɛn kae yɛn kae yɛn
Na atanfoɔ no ammɛto anhyɛ yɛn so
Ma w'adom
Ma w'adom
Ma w'adom no mmra yɛn so
Yesu
Yesu
Fa w'adom so na tie y'asɛm
Agya gyina ɔko yi mu na bɛko ma yɛn Awurade
Kae yɛn kae yɛn oo
Yie...
Yieyie...

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar