Kishore Kumar Hits

Ohemaa Mercy - Apamslow şarkı sözleri

Sanatçı: Ohemaa Mercy

albüm: Prophecy


Halleluya
Yie ei, yie ei
Thank You Jesus
Uh, uh-uh
Uh, ei
Halleluya
Hwɛ merebɛma m'animuonyam ahyerɛn wɔ wo so woate
Ɛnkasa mma wo
Ɔsoro nso mmue mma w'abrabɔ o
Yei ne apam a, me ne wo rekɔ o
Me ba dɔfo eh, ei
Ɔsoro so bɛbue ama w'abrabɔ o
Yei ne apam a, me ne wo rekɔ o
Hallelujah
Yie ei, yei ne apam a me ne wo rekɔ o
Ɛbɛkasa ama wo o, me ba dɔfo ei
(Jesus) ɛbɛkasa ama wo o
Yie ei, ɛbɛkasa ama wo o
Anɔpa ne awia, ɛbɛkasa ama wo o
Hwɛ, ɛbɛkasa ama wo o
Sɛ wobɛgye adi a, ɛbɛkasa ama wo o
Tie, apam a me ne wo rekɔ nie
Sɛ mese afe yi, me ba, menwie wo da o
Yie ei, apam a me ne wo rekɔ nie
Sɛ metaa wo akyi daa daa, daa daa, daa daa, daa daa
Merebɛma me nkunimdie frankaa no nso adi w'akyi saa
Ma biribiara akasa ama wo o
Mɛma ɔsoro so abue ama w'abrabɔ o
Efirisɛ wei ne apam a me ne wo rekɔ o
Me ba ei, mɛkasa ama wo o
Na me mɛkasa ama wo o
Ɛbɛkasa o, oh, ɛbɛkasa ama wo o
Sɛ wobɛgye adi a, ɛbɛkasa ama wo o
Nneɛma a awuo wɔ w'abrabɔ mu no o, eh
Me Nyame, me, mɛtɔ nsu pa agu so o
Ama aba biara a wobɛdua wɔ so no
Ɛbɛfifi' ama no ayɛ frɔmfrɔm frɔmfrɔm frɔmfrɔm frɔmfrɔm
Me ba, nea wonhunuu bi da no o
Hwɛ, nea wonhunuu bi da no o
Nea wonhunuu bi da no na me Awurade merebɛyɛ
Hey, merebɛyɛ ahyɛ me ara me din animuonyam o
Enti na me Nyame me-, ei
M'animuonyam nyɛ kɛseɛ kɛseɛ kɛseɛ ei
M'animuonyam, m'animuonyam ei
Ɔsoro so mmue mma w'abrabɔ o
Hwɛ, sɛ wobɛgye adi a
Me ba, memma no nkame wo da o, oh
Nea asɛe biara ei
Me Awurade, merebɛyɛ o, merebɛyɛ o
Mese, mɛma no akasa ama wo o
Mese ɔsoro bɛkasa ama wo o
Nea wode wo nsa bɛsɔ m' biara, ɛbɛyɛ yie
Afe yi, apam a me ne wo rekɔ nie
Sɛ wobɛgye adi a, mɛma no akasa ama wo o, oh
Yie, ɛbɛkasa ama wo o, ah
Ɛbɛkasa ama wo o
Wo sikasɛm no, me Awurade merebɛba mu o
W'adwuma no nso a asɛe nyinaa eh, eh
Me Awurade, merebɛyɛ no yie o
Enti mese ɛbɛkasa ama wo o, oh
Ɛbɛkasa ama wo o
Jesus
Halleluya
Thank You Jesus
Afei tie, me ne wo nwieɛ o
Me ba, hwɛ, me ne wo nwieɛ o
Asetena yi mu, nea wohunu nyinaa (me ne wo nwieɛ o)
Me Awurade eh (me ne wo nwieɛ o) hwɛ
Afei koraa na merebɛhyɛ wo animuonyam, ah
Afei koraa na merebɛyɛ wo kɛseɛ yi-eh, yi-eh
Ama nnipa nyinaa ahunu sɛ
Me Awurade, me na mapaw wo o
Nacee, Awurade se Ɔne wo nwieɛ o
Nacee, Awurade ne wo nwieɛ o
Yie ei, yie ei (me ne wo nwieɛ o)
Halleluya me ne wo nwieɛ o
Afei na merebɛhyɛ wo animuonyam
Afei koraa na me Awurade, merebɛyɛ wo kɛseɛ
Merebɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ
Ɛyɛ me Awurade, me na mapaw wo o
Oh, me ba ei, sɛ wobɛgye me adi a
Sɛ wo ne me bɛnante nokware mu a
Sɛ wo ne me bɛfa yɔnko papa yie a
Afe yi, me Awurade nea maka wɔ wo ho biara bɛba m'
Yie ei, mɛma no akasa ama wo o, yie ei!
Nea worehu yi a, 'bi ketewa bi kɛkɛ no
Merebɛma Ɔsoro nhyira abu wo so saa ara, eh
Nea nnipa ɛrepo nyinaa bɛba o
'Enipa' a ɛpo wo nyinaa bɛba abɛkotokoto kotokoto wo
Me Awurade, m'anum asɛm nie, hwɛ
Me ne wo nwieɛ o, ei
Me ba, me ne wo nwieɛ o
Jesus, m'anum asɛm nie
Sɛ wobɛgye me Awurade adi a
Na sɛ wo ne me bɛfa yawdi yi nokware mu a
Wo Awurade ei, me na mapaw wo o, hwɛ
Uh, uh
Jesus
Na-la, da-da-da-da
Yie ei
Tie, merebɛma m'animuonyam ahyerɛn wɔ wo so o
Me ba dɔfo, ɛbɛkasa ama wo o
Ɔsoro so bɛbue wɔ w'abrabɔ mu o
Yei ne apam a me ne wo rekɔ o
Uh, uh, uh, uh
Yie ei
Ei, Jesus
Owura, yɛda W'ase

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar