Kishore Kumar Hits

Ohemaa Mercy - Adom Bi şarkı sözleri

Sanatçı: Ohemaa Mercy

albüm: Prophecy


Aseda, aseda, Jesus
Adom bi naso me so
Ɛyɛ N'adom (Ɛnyɛ me nimdeɛ bi)
Me Nyame (Ɛyɛ Jesus N'ayɛ)
Jesus (Memma mewerɛnfi No)
Adom bi naso me so
Ɛnyɛ me nimdeɛ bi
Ɛyɛ Jesus N'ayɛ
Memma mewerɛnfi No
Sɛ W'ama Wo nhyira no abu so (Aseda nka Wo din)
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame (Me Nyame memma mewerɛnfi Wo)
Sɛ Wo nhyira no abu so ama me deɛ (Aseda nka Wo din)
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Mewerɛnfi mewerɛnfi Wo oo
Mewerɛnfi Wo
Me Nyankopɔn eh
Nea W'ayɛ dɔɔso ma me
Ohemaa na mededa mfikyire
Na m'atete aprɔ oo
Ebo na mensɛ hwee
Yesu hu me wɔ akyirikyiri
Ɔfrɛ mesi nkwabotan no so
Ɔkyerɛ me N'abandenden
Na m'ankwati da biara da
Ɔpra me N'atabuo ase
Ɔma me nufoɔ nsuo nomyɛ
Yeyeye Adom bɛn ni?
Ɔma me nufoɔ nsuo nomyɛ nomyɛ
To me pono fɛfɛ m'atamfo anim
Memma mewerɛnfi Wo oo oo
Awurade mekae paa baabi a na mefiri
Na m'atete aprɔ
Ebobo na mensɛ hwee
Mese Wo hu me wɔ akyirikyirikyirikyiri
Ɛna Wofrɛ mesi nkwabotan no so
Wokyerɛ me W'abandenden
Me deɛ menkwati Wo da biara da da biara da
Mɛtena Wo nan ase daa
W'ama me nufoɔ nsuo anom
Ye... Adom bɛn ni?
Woma me nufoɔ nsuo nomyɛ
To me pono fɛfɛ m'atamfo anim
Memma mewerɛnfi Wo oo oo
Ɛnti sɛ mehwɛ neɛ W'ayɛ (Adom bi naso me so)
Aseda (Ɛnyɛ me nimdeɛ bi)
Jesus (Ɛyɛ Jesus N'ayɛ)
Memma mewerɛnfiri No
Ɛnti mehwɛ deɛ W'ayɛ m'abrabɔ mu (Adom bi naso me so)
Ɛnyɛ me nimdeɛ bi
Ɛyɛ Jesus N'ayɛ
Memma mewerɛnfiri No
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame, memma mewerɛnfi Wo

Obatanpa Nyame, Jesus
Mese Woyɛ Otumfo Nyame
Akunafoɔ kunu Nyame ne Wo
Nyanka Agya Nyame ne Wo
Wofa deɛ aprɔ ɛne deɛ atete
Wode hyɛ wiase nyansafoɔ nyinaa nyinaa aniwuo
Adom bɛn ni?
Yesu mese mɛda W'ase oo
Woyɛ Obatanpa Nyame, me Nyankopɔn, Jesus
Woyɛ Otumfo Nyame
Woyɛ Otumfo Nyame
Woyɛ akunafoɔ kunu Nyame
Nyanka Agya Nyame ne Wo
Wo deɛ Wofa deɛ aprɔ ne deɛ nnipa mmu
Wode hyɛ wiase nyansafoɔ nyinaa nyinaa aniwuo
Woyɛ Onyame
Enti mefiri m'akoma mu
Mɛda W'ase, mɛda W'ase
Deɛ W'ayɛ yi me Nyame (Adom bi naso me so)
Ɛnyɛ me nimdeɛ bi
Ɛyɛ Jesus N'ayɛ
Memma mewerɛnfi No
Adom bi naso me so
Ɛnyɛ me nimdeɛ bi
Ɛyɛ Jesus N'ayɛ
Memma mewerɛnfi No
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo
Aseda nka Wo din
Ayeyie nka Wo din
Me Nyame memma mewerɛnfi Wo

Поcмотреть все песни артиста

Sanatçının diğer albümleri

Benzer Sanatçılar